Soro abͻfoͻ na Yɛayε wͻn Amanhunu gya no so hwεfoͻ; na Yɛayε wͻn dodoͻ (du nkron no,) sεdeε εbεyε suntidua ama wͻn a wͻnnye nnie no; na εbεma wͻn a yɛama wͻn Nyame-som ho Nwoma no gyidie asi pi, na gyidie foforͻ bεsan abεka wͻn a wͻagye adie no gyidie ho, na wͻn a yεmaa wͻn Nyamesom ho Nwoma no ne agyidiefoͻ no akoma nhinhim, na afei wͻn a yadeε wͻ wͻn akoma mu no, ne wͻn a wͻnnye nnie no bεka sε: ‘’Ɛdeεn na Nyankopͻn de saa mfatoho yi repε akyerε?’’ Saa ara na Nyankopͻn yera obi a Ɔpε, εna Ɔkyerε obi a Ɔpε nso kwan. Obiara nnim wo Wura Nyankopͻn Asraafoͻ no, (anaa wͻn dodoͻ), gyesε Ɔno ara. Woi yε Afutusεm dema adasamma.